Original Songs by Suzy & Matt,Nana Yaw Asare,Edward Akwasi Boateng and Bishop Yaw Owusu Ansah
Lyrics
Verse 1
Tetekwaframoa Nyankopɔn no te ase ampa
ara
Ahene mu hene ee
Dɔmbarima Nyankopɔn eee
Kantamanto, Agya ee Agya ee
Wo ne nea Wo ne na Wote ase ampa ara ei ei
Anyame mu nyina ara Nyame ne Wo
Okokroko, Ahuntanhunu, Judah mu Gyata
Wo na Woka a ɛba mu o
Wohyɛ nso a, agyina o
Ɔkasaprɛko Nyame no no
Ayɛbiafo, ɔpomponi Nyame eee
Twereduampɔn
Onyame a yɛtwere Wo a yɛmpanhwe da
Wo din ne Yehowa
Wo din ne Yehowa Rapha ah!
Shekinah
Tsidkenu
El-Shaddai
Twereduampɔn Nyame no no
Jehovah Adonai
Ade nyina ara so Tumfo ei
Elohim
El Olam
Wo na Wote ase daadaa daadaa daadaa daadaa daadaa daa ei
Yehowa eee
Womma yɛma Woso oo
Verse 2
Na mese Tetekwaframoa Nyankopɔn
Nyankopɔn Nyankopɔn te ase ampa ara!
Ahene mu Hene ee
Ɔkatakyie, Okokoroko
Onyame a Ɔkasa ma ade nyina yɛ din wae Ɔno na Ɔkasa ma ɛpo n’asorɔkye taa dinn yei
Onyame bɛn nie, Onyame bɛn nie
Judah mu gyata N’ei
Ɔma nipa so firi atɛkyɛ mu
Na Ɔde n’asi ɔbotan so
Na W’asiesie no w’ate Ɔma ɔbonin wo nta w’ate
Ɔma nea ɔnnibi anya bi ee
Na mese Ne ho yɛhu oo
Na mese Ne ho yɛhu oo
Ɛnti momma yɛnkoto No oo
Ɛnti momma yɛnpagyapagya No wae
Ɛnti momma yɛnsɔre No oo
Mese Ɔyɛ Onyame w’ate
Mese N’akyiri ne N’anim nyame biara nni hɔ
w’ate
Obiara nni hɔ aa ɔne No sɛ w’ate
Ɔyɛ Okokoroko, Ɔyɛ ahenfo mu Hene
Mese ahenfo Yesu na Ɔreba no oo
Mese momma yɛmma No so oo
Yɛkotokoto Wo oo
Na mese yɛkrɔn Wo oo ee
Awurade ee, me Nyankopɔn ee
Bɛgye W’ayeyie dwom wae
Bɛgye wo nnaseɛ dwom wae
Wo mma yɛdandan Wo wae
Wo mma yɛdandan Wo wae
Mese yɛkotokoto Wo oo
Mese yɛma Woso ara
Yehowa ee
Wo mma yɛma Woso oo
Yehowa ee Yehowa ee Yehowa ee
Yehowa 2x
Yehowa wo din yɛ kɛse
Ɛnti Nyame bɛn koraa na ɔbɛtumi ɛne Wo ayɛ awanwadeɛ
Tumi bɛn koraa na ɛbetumi akyɛn Wo wɔ awanwadeɛ mu
Ah Ɔdomankoma
Wo ne Ɔdomankoma
Nnipa nyinaa dan Wo
Nnua nyina ara dan Wo
Mmoa so dan Wo
Abɔdeɛ nyinaa
Ebei! Me Nyankopɔn
Sɛ wonyɛ Nyame nka w’abam bɛbu
Na Wodeɛ kanea afra Wo sɛ ntoma
Ɔwanwani a woyɛ awanwadwuma
Wo sen adeɛ nyinaa
Mfie pempem yɛ Wo da koro
Na sɛ yɛn san Wo ho bɔ pɔ a ɛnyɛ yie koraa
Sɛ nti na yɛfrɛ Wo kokromotie
Ɛtuhenesihene Nyame
Nea Wopɛ na Woyɛ
Woyɛ Onyame prɛko pɛ!
Ade nyinaa so Tumfo ee
Wodeɛ wosen ade nyinaa
Team Eternity yɛ Nyankopɔn
Wodeɛ wosen ade nyinaa
Nti ayeyi nka wo nkoaa (Ɔdomankoma)
Nhyira nka wo abere biaa (Ɔdomankoma)
Nana me sɔre Wo na mekoto Wo (Ɔdomankoma)
Mebɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ (Ɔdomankoma)
Mɛbɔ Wo din
Abɔ Wo mmrane
Mɛbɔ Wo din
Abɔ Wo mmrane
Mɛbɔ Wo din
Abɔ Wo mmrane
Ɛwɔ nea W’ayɛ ama me nti
Edin no reyɛ awanwadwuma
Edin no ne Jesus
Edin no reyɛ awanwadwuma
Edin no ne Jesus
Edin bi wɔ hɔ
Edin no firi soro
Edin no reyɛ awanwadwuma
Edin no ne Jesus
Edin no ma kwatafo ho tew
Edin no ma nifrafo hu ade
Edin no reyɛ awanwadwuma
Edin no ne Jesus
Sopranos
Isaac Ackah
Emmanuella Abassah-Konadu
Donna Bart-plange
Nhyira Marfo
Tenors:
Joseph Danquah Opoku
Nicholas Mensah Annang Jnr.
Joseph Abeiku A Gordon
Altos:
Juliet Maalibu Yelibora
Grace Charles
Angie Aidoo
Naana Aseidu